1 Thessalonians 3

Asɛmpa a efi Timoteo nkyɛn

1Akyiri yi a mihui sɛ meyɛ ho hwee a ɛnyɛ ye no, meyɛɛ mʼadwene sɛ me nko ara mɛtena Atene. 2Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidi den, 3sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. 4Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se, wɔbɛtaa yɛn na sɛnea munim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.

5Ɛno nti na mesomaa Timoteo. Esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa no sɛ ɔmmɛhwɛ mo gyidi mu. Na misuro sɛ ɔbonsam na wasɔ mo ahwɛ ama dwuma a yɛadi no nyinaa ayɛ ɔkwa.

6Afei Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo no ara pɛ. 7Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8efisɛ, sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.

9Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛww yɛn wɔ nʼanim. 10Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.

11Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho mu ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. 13Ɔnhyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm wɔ kronkronyɛ mu yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ne nʼahotefo nyinaa ba mu.

Copyright information for TwiNAK